Yɛn ara asaase ni; Ɛyɛ abɔ den den de ma yεn, Mogya a nananom hwie gu Nya de to hɔ ma yɛn, Aduru me ne wo nso so, Sε yɛbɛyɛ bi atoa so.
Nimdeɛ ntraso, nkoto-kranne; Ne pɛsɛmenkomenya, Adi yɛn bra mu dεm, ama yɛn asaase hɔ dɔ atomu sɛ.
Ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ yie o Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o; Ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ, Ɔmanfo bra na ɛkyerɛ.
Ɔman no, sɛ ɛbɛ yɛ yie o! Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o!; Ɛyɛ nsɛ nahɔ sɛ, Ɔmanfo mmra na yɛnnkyerɛ.
Nhoma nimdeɛ huhugyan, ngyan ana ade anyara kwa; Ne ɔbrakyew de ɛsɛe, ɔman na ɛbɔ no ahohora; Asoɔmerɛ ne obupa yɔnko yiyɛ di pɛ daa, Ahofama ntetekwaam ma nnipa biara yiyɛ de; Ɛno mmom na ɛde asomdwee ne nkɔsoɔ pa brɛ ɔman.
Ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ yie o! Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o!; Ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ, Ɔmanfo bra na ɛkyerɛ.